Titus 1

Nkyia

1Saa nhoma yi fi Onyankopɔn somfo ne Yesu Kristo somafo Paulo nkyɛn. Woyii me na wɔsomaa me sɛ memmɛboa nhyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi den na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a yɛn nyamesom 2a ne nnyinaso gyina nkwa a enni awiei no kyerɛ no so no. Onyankopɔn a onni atoro no hyɛɛ yɛn asetena yi ho bɔ ansa na ɔrefi wiase ase; 3na bere a ɛsɛ mu, ɔdaa no adi wɔ nʼasɛnka no mu. Wɔde eyi hyɛɛ me nsa na migyina Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa hyɛ so da no adi.

4Mekyerɛw me ba Tito wɔ gyidi baako a yɛn nyinaa kita mu mu. Adom ne asomdwoe a efi Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu yɛn Agyenkwa no nka wo!

Asɛmpakafo yiyedi

5Migyaw wo Kreta sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtoto nnɛama a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanyimfo atuatua asafo a ɛwɔ kurow biara mu no ano. 6Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanyin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ gyidifo a wɔmmɔ ahohwi, na wɔnyɛ asoɔden nso.

7Ɛnsɛ sɛ mfomso biara ba ɔpanyin no ho efisɛ, Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔhopɛfo, anaa obi a ne bo nkyɛ fuw anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfo anaa oniberefo. 8Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye nea eye ho na nʼadwenem da hɔ na ɔteɛ na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛso. 9Ɛsɛ sɛ oso asɛm no mu dennen sɛnea wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, obetumi ahyɛ afoforo den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu na wada wɔn a wotia asɛm no mu no nso mfomso adi.

10Nnipa pii wɔ hɔ a wotia na wɔnam wɔ nkwaseasɛm so daadaa afoforo, ne titiriw no, wɔn a wofi twetiatwasom no mu. 11Ɛsɛ sɛ wosiw wɔn nkyerɛkyerɛ no ano efisɛ, wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu nam so de pɛ sika. 12Kreta no ankasa a na ɔyɛ wɔn diyifo na ɔkae se, “Kretafo no yɛ atorofo, mmoa bɔne ne anihafo adidifo.” 13Na asɛm a ɔkae no yɛ nokware. Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ moka wɔn anim yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya gyidi pa, 14na wɔantena ase amma twetiatwa atorosɛm ne nhyɛ a efi nnipa a wɔapo nokware no no.

15Biribiara yɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn no, nanso biribiara nyɛ kronn mma wɔn a wɔn ho agu fi na wonni gyidi, efisɛ, wɔn adwene ne wɔn atiboa ho agu fi. 16Wɔka se wonim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛe nkyerɛ saa. Wokyi wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfo a wɔde wɔn yɛ ade pa biara a ɛnyɛ ye.

Copyright information for TwiNAK